Revelation of John 15

Ɔyaredɔm

1Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ soro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokita ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to efisɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to.

2Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne nea wɔde nsɛnkyerɛnne na ɛbɔ ne din no so nkonim no. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokitakita asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no. 3Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom se,

“Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn,
wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa,
Amansanhene.
Wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.
4Hena na onsuro wo, Awurade?
Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ?
Wo nko na woyɛ kronkron.
Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, efisɛ, obiara ahu wo treneedwuma no.”

5Afei mihui sɛ asɔredan a ɛwɔ soro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a Onyankopɔn ntamadan si mu. 6Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so. 7Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a, Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma. 8Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.

Copyright information for TwiNAK